Joseph Afoakwah at Rainbow 🌈 Radio 87.5 Biblical Perspectives on "False Religion" P2 02/08/2026
Joseph Afoakwah
0:00 / 0:00
Joseph Afoakwah at Rainbow 🌈 Radio 87.5 Biblical Perspectives on "False Religion" P2 02/08/2026
37 просмотров · 1 месяц назад
Joseph Afoakwah
1,93 тыс. подписчиков
37 просмотров · 1 месяц назад
Biblical Perspectives on "False Religion" Atoro Som Ho Kyerɛkyerɛ a efiri Kyerɛwsɛm Mu
2. Main characteristics in Scripture 2. Atoro Som Su Titiriw Ahodoᴐ Sɛnea Kyerɛwsɛm Kyerɛ
A. Wrong object of worship A. Ade a ɛnteɛ a ᴐde som
1. Man-made images/idols — Worshiping statues, icons, or anything crafted: "You shall not make for yourself an idol... You shall not bow down to them or worship them". See also Deuteronomy 4:28, Psamls 115:4-7, Acts 17:29. 1. Nnipa Nsa Ano Mfonini ne Ahoni, mfonini, anaa biribiara a onipa ayɛ de som no yɛ atoro som. Onyankopɔn hyɛe pefee sɛ nnipa nnyɛ ahoni anaa mfonini mfa nsom. Ɔsom no yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde ma Onyankopɔn nkutoo.
Deuteronomium 4:25-28 (Abosonsom ho kɔkɔbɔ)
Nnwom 115:3-7, 3 Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, deɛ ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ. 4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma. 5 Wɔwɔ ano, na wɔnkasa, wɔwɔ ani, na wɔnhunu adeɛ, 6 wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm,wɔwɔ hwene, na wɔnte hwa. 7 Wɔn nsa, wɔmfa nka adeɛ, wɔn nan, wɔmfa nnante, na wɔmfa wɔn menewa nkasa.
Asomafoɔ Nnwuma 17:22-29, 22 Na Paulo gyinaa Areopago mfimfini kaa sɛ: Atene mmarima, mahunu sɛ nnoɔma nyinaa mu mopɛ abosonsom papa. 23 ɛfiri sɛ meretwa mu na mehwɛɛ nnoɔma a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi nso a wɔatwerɛ so sɛ: Onyame a wɔnni no dea. Enti deɛ monnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi. 24 Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsaayɛ mu, 25 nanso wɔmfa nnipa nsa nsom no sɛ deɛ ɛhia no biribie. ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne ade nyinaa; 26 na ɔmaa nnipa aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmerɛ ahodoɔ ne wɔn tenabea hyeɛ ato hɔ ama wɔn 27 sɛ wɔnhwehwɛ Awurade sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware. 28 Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ, sɛdeɛ mo nnwontofoɔ binom nso aka sɛ: ɛfiri sɛ n'abusua nso ne yɛn. 29 Na ɛnam sɛ yɛyɛ Nyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Nyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔboɔ, adwini a onipa de ne nyansa ne n'adwene adie.
A. Wrong object of worship A. Ade a ɛnteɛ a ᴐde som
2. Sun Worship 2. Owia Sᴐre
Objects of nature instead of the Creator — the sun, moon, stars, earth, trees, mountains, or anything created by God, instead of worshiping the Creator, who is God. Abɔdeԑ nneɛma mmom sen Ɔbɔadeɛ — owia, ɔsram, nsoromma, asase, nnua, mmepɔw, anaa ade biara a Onyankopɔn abɔ, sen sɛ wɔbɛsom Ɔbɔadeɛ, a ɔno ne Onyankopɔn.
a. God Forbids Worship of the Sun, Moon, and Stars Deuteronomy 4:19 a. Onyankopɔn hyɛɛ Israel sɛ wɔnnsom owia, bosome, anaa nsoromma. Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnmma nneɛma a Ɔbɔe no nni N'ananmu. Ɛsɛ sɛ wɔsom Ɔbɔadeɛ no, na ɛnyɛ abɔdeԑ no. Owia, bosome, ne nsoromma yɛ Onyankopɔn abɔdeԑ a wɔde hyɛ N'anuonyam, na ɛnyɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsom.
Deuteronomium 4:15-19, 2Ahene 21:1-6,
Romafoᴐ1:25 ɛfiri sɛ wɔsesaa Nyankopɔn nokorɛ no gyee atorɔ, na wɔfɛree, na wɔsomm abɔdeɛ sene ɔbɔadeɛ a wɔhyira no daa no. Amen.
b. Those Who Worship the Heavenly Bodies Will Be Judged Deuteronomy 17:2–5 b. Wɔn a Wɔsom Owia, Bosome, ne Nsoromma No Onyankopɔn Bebu Wɔn Atԑn
Onyankopɔn kaa no pefee sɛ sɛ obi gyae No kɔsom owia, bosome, nsoromma, anaa ɔsoro asafo, na ɔkotow wɔn a, wayɛ bɔne kɛse atia No. Saa abosonsom yi bu Onyankopɔn animtiaa, na ɛde N'atemmuo ba. Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ Ne nkurɔfoᴐ som Ɔno nko ara.
Deuteronomium 17:2–5,